116 Ɔdɔ ahyɛ me mã
Efisɛ Yehowa tie me nne,+ me nkotɔsrɛ no.+
2 Wayɛ aso ama me,+
Na mesu mafrɛ no me nkwa nna nyinaa.+
3 Owu nhama twaa me ho hyiae,+
Na me ho hiahiaa me sɛnea mewɔ Adamoa mu.+
Ahohia ne awerɛhow annyae me.+
4 Nanso Yehowa din na mebɔe sɛ:+
“O Yehowa, gye me kra ɛ!”+
5 Yehowa yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;+
Na yɛn Nyankopɔn ne Nea ohu mmɔbɔ.+
6 Yehowa wɛn wɔn a wonnim hwee.+
Mebotowee, na ogyee me nkwa.+
7 O me kra, san kɔ wo homebea,+
Na Yehowa ne wo adi no yiye.+
8 Efisɛ woagye me kra afi owu mu,+
M’aniwa anhu nusu, na me nan anhintiw.+
9 Mɛnantew+ Yehowa anim, ateasefo nsase so.+
10 Minyaa gyidi,+ na mekasae.+
M’ahohia dɔɔso me so.
11 Me de, mekaa no ahopopo mu sɛ:+
“Onipa biara yɛ ɔtorofo.”+
12 Dɛn na mede betua Yehowa ka,+
Papa a wayɛ me nyinaa ho?+
13 Nkwagye+ kɛse kuruwa no na mɛma so,
Na Yehowa din na mɛbɔ.+
14 Metua me bɔhyɛ ade ama Yehowa,+
Metua wɔ ne manfo nyinaa anim.
15 Yehowa anokwafo wu
Yɛ aboɔden, n’ani so.+
16 O Yehowa,+
Meyɛ w’akoa.+
Meyɛ w’akoa, w’afenaa ba.+
Woasan nhama a ɛkyekyere me no.+
17 Wo na mɛbɔ aseda afɔre ama wo,+
Na Yehowa din na mɛbɔ.+
18 Metua me bɔhyɛ ade ama Yehowa,+
Metua wɔ ne manfo nyinaa anim+
19 Wɔ Yehowa fie adiwo hɔ,+
Wɔ wo mfinimfini, O Yerusalem.+
Munyi Yah ayɛ!+