Hiob
32 Ɛnna mmarima baasa yi gyaee sɛ wɔbɛma Hiob mmuae, efisɛ na ɔteɛ n’ankasa ani so.+ 2 Na Busni+ Barakel a ofi Ram abusua mu no ba Elihu bo fuwii kɛse. Ne bo fuw Hiob sɛ wabu ne kra bem asen Onyankopɔn.+ 3 Ne nnamfo baasa no nso, ne bo fuw wɔn sɛ wɔannya mmuae bi, na mmom wobuu Onyankopɔn fɔ.+ 4 Elihu de nsɛm twɛn Hiob efisɛ na wɔn nyinaa sen no panyin.+ 5 Elihu hui sɛ mmuae biara nni mmarima baasa no anom,+ na n’abufuw mu yɛɛ den. 6 Enti Busni Barakel ba Elihu buae sɛ:
“Meyɛ abofra,
Na mo de, moyɛ mpanyimfo.+
Ɛno nti na metwɛnee no efisɛ na misuro
Sɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.
10 Ɛno nti mekae sɛ, ‘Muntie me.
Na me nso mɛka nea minim akyerɛ mo.’
12 Meyɛɛ asõ maa mo,
Nanso obiara nni hɔ a oyii Hiob ntɛn,
Na obiara nni hɔ a ɔmaa ne nsɛm no ho mmuae.
14 Ɔnkasa ntiaa me,
Enti meremfa mo nsɛm no bi mma no mmuae.
15 Moabɔ hu, muntumi nkasa bio;
Mo anom nsɛm asa.
16 Metwɛnee, nanso moankasa bio;
Mugyinaa hɔ dinn, na moanka hwee bio.
17 Me nso mebua me fam de;
Me nso mɛka nea minim.