2 Samuel
24 Na Yehowa bo fuw Israel bio,+ efisɛ obi piapiaa Dawid tiaa wɔn sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.” 2 Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafo so panyin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Kokyinkyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no,+ na minhu ɔman no dodow.”+ 3 Nanso Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho ɔha na me wura ɔhene aniwa nhu. Na dɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ eyi?”+
4 Nanso, ɔhene asɛm bu faa+ Yoab ne asahene no so. Enti Yoab ne asahene no fii ɔhene anim kɔe kɔkan+ Israel man no. 5 Wokotwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kurow a ɛda subon mu no nifa so, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfo+ asase so kɔɔ Yaser.+ 6 Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asase so, na wɔtoaa so koduu Dan-Yaan, na wɔdan wɔn ani kɔɔ Sidon.+ 7 Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kurow a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifo+ ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu, na wokowiei wɔ Negeb+ kurow Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asase so no mu. 8 Enti wokyinkyin asase no nyinaa so, na asram akron ne adaduonu akyi no, wɔsan baa Yerusalem. 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow ho amanneɛbɔ+ brɛɛ ɔhene; Israel dodow si mmarima a wɔtwe nkrante mpem ahanwɔtwe, na Yuda dodow si mmarima mpem ahanum.+
10 Bere a Dawid kan ɔman no wiei no, ne koma fii ase bɔɔ+ no. Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ade a mayɛ yi de, mayɛ bɔne+ kɛse. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, ma w’akoa bɔne ntwam nkɔ,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11 Bere a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa asɛm baa odiyifo Gad+ a ɔyɛ Dawid ɔdehufo+ no nkyɛn sɛ: 12 “Kɔ, na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Nneɛma abiɛsa na mede resi w’anim.+ Yi mu biako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13 Ɛnna Gad siim kɔɔ Dawid anim kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mfe ason ɔkɔm na memfa mmra w’asase so+ anaa asram abiɛsa a w’atamfo bɛtaa wo so ma woaguan wɔn anim+ anaa nnansa a ɔyaredɔm bɛba w’asase so?+ Afei hwɛ na kyerɛ mmuae a memfa nkɔma Nea ɔsomaa me no.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama mabotow. Mesrɛ wo, ma yɛnhwe Yehowa nsam mmom,+ na ne mmɔborɔhunu dɔɔso,+ na onipa nsam de, mma mennhwe.”+
15 Enti Yehowa de ɔyaredɔm+ baa Israel so fi anɔpa no kosii bere a ɔhyɛe no, maa nnipa mpem aduɔson wuwui+ fi Dan kosi Beer-Seba.+ 16 Na ɔbɔfo+ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔresɛe hɔ. Na mmusu a ɛbae no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yiye! Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Arauna+ awiporowbea no nkyɛn.
17 Bere a Dawid huu ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no, ɔne Yehowa kasae, na ɔkae sɛ: “Me na mafom, na me na mayɛ amumɔyɛde. Nguan+ yi de, dɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na teɛ wo nsa wɔ me so,+ me ne me papa fie.”
18 Akyiri yi, Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ Yebusini Arauna awiporowbea+ hɔ na kosi afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa.” 19 Na Dawid foro kɔe sɛnea Gad asɛm a Yehowa hyɛe no te.+ 20 Bere a Arauna hwɛe na ohuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna fii adi de n’anim kobutuw+ fam ɔhene anim.+ 21 Ɛnna Arauna bisae sɛ: “Dɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Mebae sɛ merebɛtɔ+ awiporowbea yi afi wo hɔ na masi afɔremuka wɔ so ama Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu+ no befi ɔman no so.” 22 Nanso Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa,+ na ɔmmɔ afɔre biara a eye n’ani so wɔ so. Hwɛ, anantwi a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre ne awiporow ade ne anantwi no ho nneɛma a wode bɛyɛ nnyina ni.+ 23 O ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene.” Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.”+
24 Nanso, ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Dabi, ɔtɔ na mɛtɔ atua ho ka,+ na meremmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a merentua ka.”+ Enti Dawid tɔɔ+ awiporowbea no ne anantwi no tuaa nnwetɛbona aduonum. 25 Na Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Yehowa tiee+ asase no ho sufrɛ, na ɔhaw no fii Israel so.