Genesis
27 Afei bere a Isak abɔ akwakoraa na n’ani so ayɛ kusuu a onhu ade+ no, ɔfrɛɛ ne ba panyin Esau sɛ:+ “Me ba, wowɔ he?” Ɛnna ose: “Mini!” 2 Ɔkae sɛ: “Hwɛ, mabɔ akora.+ Minnim da a mewu.+ 3 Enti mesrɛ wo, fa wo nneɛma a wode yɛ ha, w’agyan ne ne kotoku, na kɔ wuram kɔpɛ nam bi bra.+ 4 Wode ba a, fa yɛ akɔnnɔduan a mepɛ paa brɛ me ma minni na me kra nhyira wo ansa na mawu.”+
5 Nso bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no nyinaa na Rebeka retie. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam aba.+ 6 Ɛnna Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ:+ “Hwɛ, mate sɛ wo papa reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7 ‘Kɔ wuram kɔpɛ nam bɛyɛ akɔnnɔduan ma minni na minhyira wo wɔ Yehowa anim ansa na mawu.’+ 8 Enti hwɛ, tie nea mereka akyerɛ wo yi.+ 9 Kɔ mmoadan no mu kɔpɛ mmirekyi nkumaa abien a wɔte apɔw brɛ me na memfa nyɛ akɔnnɔduan a wo papa pɛ mma no. 10 Miwie a, na wode akɔma wo papa ma wadi na wahyira wo ansa na wawu.”
11 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ: “Me nua Esau ho wɔ nhwi na me de, me ho yɛ toromtorom.+ 12 Na sɛ me papa de ne nsa ka me ho ɛ?+ Ɛbɛyɛ sɛ nea meredi ne ho fɛw,+ na ɛbɛdan nnome ama me, na ɛnyɛ nhyira.”+ 13 Na ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Nnome biara a ɛbɛba wo so no mmra me so.+ Wo de, tie nea mereka no na kɔfa mmoa no brɛ me.”+ 14 Enti ɔkɔfaa wɔn brɛɛ ne maame na ɔde yɛɛ akɔnnɔduan a ne papa pɛ. 15 Afei Rebeka de ne ba panyin+ Esau ntade a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ fie+ hɔ no hyɛɛ ne ba kumaa+ Yakob. 16 Ɛnna ɔde mmirekyi no nhoma duraa ne nsa ne ne kɔn ho baabi a nhwi nni+ no. 17 Afei ɔde aduan ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.+
18 Enti ɔde kɔɔ ne papa hɔ, na ɔkae sɛ: “Papa!” na ogyee so sɛ: “Mini! Ɛyɛ wo hena, me ba?” 19 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ɛyɛ wo ba panyin Esau.+ Nea wokae no mayɛ awie. Mesrɛ wo, sɔre tena ase na di me nam no bi na wo kra nhyira me.”+ 20 Ɛnna Isak bisaa ne ba no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wunyaa no ntɛm saa?” Obuae sɛ: “Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn na ɔma obehyiaa me.” 21 Afei Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, twiw bɛn me na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ ɛyɛ me ba Esau ampa anaa.”+ 22 Enti Yakob twiw bɛn ne papa Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho, na ɔkae sɛ: “Ɛnne no yɛ Yakob nne, nanso nsa no yɛ Esau nsa.”+ 23 Wanhu no, efisɛ na ne nsa ho wɔ nhwi te sɛ ne nua Esau nsa ho. Enti ohyiraa no.+
24 Na obisae sɛ: “Wone me ba Esau ampa?” Ɛnna ose: “Yiw, mene no.”+ 25 Afei ɔkae sɛ: “Fa brɛ me na minni me ba hanam no bi na me kra nhyira wo.”+ Enti ɔde besii n’anim na ofii ase dii, na ɔde nsã brɛɛ no ma ɔnomee. 26 Ɛnna ne papa Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, twiw bɛn me na befew m’ano.”+ 27 Enti obefew n’ano, na ɔtee n’atade mu hua.+ Ɛnna ofii ase hyiraa no sɛ:
“Hwɛ, me ba ho hua te sɛ afuw a Yehowa ahyira so hua. 28 Na nokware Nyankopɔn no mma wo ɔsoro bosu+ ne asase pa+ ne nnɔbae ne nsã foforo pii.+ 29 Aman nsom wo, na amanaman nkotow wo.+ Di wo nuanom so na wo maame yam mma nkotow wo.+ Nnome nka obiara a ɔbɛdome wo, na nhyira nka obiara a obehyira wo.”+
30 Isak hyiraa Yakob wiei a ofii ne papa no anim kɔe ara pɛ na ne nua Esau fii ahayɔ bae.+ 31 Ɔno nso yɛɛ akɔnnɔduan de brɛɛ ne papa kae sɛ: “Papa, mesrɛ wo sɔre na di wo ba hanam no bi na wo kra nhyira me.”+ 32 Ɛnna ne papa Isak bisaa no sɛ: “Ɛyɛ wo hena?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me, wo ba panyin Esau.”+ 33 Afei Isak ho wosow biribiri na ɔkae sɛ: “Ɛnde hena na ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me ma midii ne nyinaa ansa na woreba yi? Mahyira no, na nhyira nso na obenya!”+
34 Esau tee ne papa asɛm no, ɔde yaw sui denneennen, na ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ:+ “Papa, mesrɛ wo, hyira me nso!”+ 35 Nanso ɔkae sɛ: “Wo nua abɛdaadaa me agye wo nhyira no.”+ 36 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nti na ne din de Yakob no? Mprenu ni a watwitware m’ananmu.+ Wagye me panyin dedaw,+ na mprempren nso wagye me nhyira!”+ Ɔtoaa so sɛ: “Enti woannyaw nhyira koro bi mpo amma me?” 37 Nanso Isak buaa Esau sɛ: “Hwɛ, mayi no sɛ onni wo so,+ na mede ne nuanom nyinaa ama no sɛ nkoa,+ na mede awi ne nsã nso ahyira no,+ na ɛdɛn bio na ɛwɔ hɔ a mɛyɛ ama wo, me ba?”
38 Afei Esau bisaa ne papa sɛ: “Papa, enti nhyira biako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, mesrɛ wo!”+ Ɛnna Esau maa ne nne so sui+ denneennen. 39 Enti ne papa Isak buaa no sɛ:
“Hwɛ, wo ne asase pa ntam kwan bɛware, na wobɛtena baabi a ɔsoro bosu nni.+ 40 Wo nkrante ano na wode bɛtena ase,+ na wobɛsom wo nua.+ Nanso sɛ wufi ase teetee a, wubebu ne kɔndua mu ayi afi wo kɔn so.”+
41 Esiane sɛ ne papa hyiraa Yakob nti,+ Esau bɛtan ne nua no, na ɔkae wɔ ne komam sɛ:+ “Bere a wɔde begyam me papa abɛn.+ Ɛno akyi no mekum me nua Yakob.”+ 42 Bere a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panyin Esau aka kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ*—onya wo a, obekum wo.+ 43 Enti me ba, tie na sɔre+ guan kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.+ 44 Na tena ne nkyɛn nna kakra kosi sɛ wo nua abufuw ano bedwo;+ 45 twɛn kosi sɛ wo nua abufuw bɛdan afi wo so na ne werɛ afi nea woayɛ no.+ Afei mɛsoma ma wɔabɛfa wo afi hɔ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu nyinaa da koro?”
46 Akyiri yi Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Het mmabea nti asetena afono me.+ Na sɛ Yakob nso kɔware Het mmabea te sɛ eyinom wɔ asase yi so a, ɛnde na mete ase reyɛ dɛn?”+