Genesis
25 Abraham san waree ɔbea bi a ne din de Ketura.+ 2 Akyiri yi wɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak ne Suha.+
Na Dedan woo Asurim ne Letusim ne Leumim.
4 Midian nso woo Efa,+ Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa.+
Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma.
5 Akyiri yi Abraham de nea ɔwɔ nyinaa maa Isak,+ 6 na Abraham kyɛɛ n’ayefam mma no ade.+ Na bere a ɔda so te ase no, ɔma wofii ne ba Isak nkyɛn+ de wɔn ani kyerɛɛ apuei fam kɔɔ Apuei+ asase so. 7 Mfe a Abraham de tenaa ase nyinaa si ɔha aduɔson anum. 8 Afei Abraham gyaa mu wui. Saa bere no na wanyin abɔ akora a ne nna amee no, na wosiee no kaa ne nkurɔfo ho.+ 9 Na ne mma Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asase a ɛda Mamre+ anim no so; 10 ɛno ne asase a Abraham tɔ fii Het mma hɔ no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara+ nyinaa. 11 Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so hyiraa ne ba Isak,+ na Isak tenaa Beer-Lahai-Roi+ nkyɛn baabi.
12 Ismael+ a Egyptni Hagar, Sara afenaa no, woo no maa Abraham+ no ho nsɛm ni.
13 Afei Ismael mma ne wɔn mmusua din ni: Ismael ba panyin ne Nebaiot,+ na wɔn a wodi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam+ 14 ne Misma, Duma, Masa, 15 ne Hadad,+ Tema,+ Yetur, Nafis ne Kedema.+ 16 Eyinom ne Ismael mma ne wɔn din, sɛnea wɔn nkurow ne wɔn nsraban+ te: atitiriw dumien ne wɔn mmusua.+ 17 Mfe a Ismael dii si ɔha aduasa ason. Afei ogyaa mu wui, na wosiee no kaa ne nkurɔfo ho.+ 18 Na wɔtenaa Hawila+ a ɛbɛn Sur,+ a ɛwɔ Egypt anim, kɔpem Asiria. Na ɔtenaa ne nuanom nyinaa anim.+
19 Abraham ba Isak ho nsɛm ni.+
Abraham woo Isak. 20 Isak dii mfe aduanan no, ɔwaree Rebeka a ne papa ne Siriani+ Betuel+ a ofi Padan-Aram; na ne nua ne Siriani Laban. 21 Isak srɛɛ Yehowa maa ne yere,+ efisɛ na ɔnwo;+ na Yehowa tiee n’adesrɛ,+ na ne yere Rebeka nyinsɛnee. 22 Na mmofra no dii aperepere+ wɔ ne yam, enti ɔkae sɛ: “Sɛ saa na ɛbɛkɔ so a, ɛnde na mete nkwa mu reyɛ dɛn?” Enti okobisaa Yehowa asɛm no mu.+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Aman abien na ɛwɔ wo yam,+ na mmusuakuw abien a wɔyɛ soronko befi wo yam;+ na abusua biako bɛyɛ den asen biako,+ na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”+
24 Bere a n’awo duu so no, na nta na ɛwɔ ne yam.+ 25 Nea odi kan no bae no, na ɔyɛ kɔkɔɔ na ne ho nyinaa yɛ nhwi+ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ atade; enti wɔtoo no din Esau.+ 26 Ɛno akyi no ne nua no bae a na okura Esau nantin;+ enti ɔtoo no din Yakob.+ Rebeka woo wɔn no na Isak adi mfe aduosia.
27 Mmofra no nyinii; ná Esau yɛ obi a onim ahayɔ+ a ɔpɛ wuram kɔ, na Yakob de, ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm+ a ɔte ntamadan mu.+ 28 Na Isak pɛ Esau asɛm efisɛ na onya hanam we, na na Rebeka nso pɛ Yakob asɛm.+ 29 Bere bi na Yakob renoa asɛdua, na Esau fi wuram bae a na wabrɛ. 30 Enti Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo ma me ade kɔkɔɔ yi bi nni; yɛ ntɛm na mabrɛ!” Ɛno nti na wɔtoo no din Edom.+ 31 Na Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Tɔn wo panyin+ ma me ansa!” 32 Esau buae sɛ: “Owu na merebewu yi, na mpanyinni bɛyɛ me dɛn?” 33 Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka me ntam ansa!”+ Na ɔkaa ntam tɔn ne panyin maa Yakob.+ 34 Na Yakob maa no paanoo ne asɛdua no bi, na odidi nomee.+ Na ɔsɔre kɔe. Enti Esau ammu ne panyin no.+