Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 1 owu. azʋ. 8-9
  • Nyamɩnlɩ Wɔlɩ Sʋlɔ Nɩɩ Azɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Nyamɩnlɩ Wɔlɩ Sʋlɔ Nɩɩ Azɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Asʋ̃ Nnamɩ Kɔ Sʋlɔ a?
    Bayɩbʋlʋ Ndwokɔɣizialɛ Nwʋ Muwalɩyɛ
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 1 owu. azʋ. 8-9
Eden turo

OZUMALƐDƖYƐ 1

Nyamɩnlɩ Wɔlɩ Sʋlɔ Nɩɩ Azɩ

Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn. Nneɛma a yehu ne nea yenhu nyinaa, ɔno na ɔbɔe. Yehowa bɔɔ abɔfo bebree ansa na ɔrebɔ nneɛma a yɛde yɛn ani hu no nyinaa. Wunim abɔfo? Yehowa na ɔbɔɔ wɔn; wɔte sɛ ɔno ara. Sɛnea yɛrentumi nhu Onyankopɔn no, saa ara na yɛrentumi nhu abɔfo nso. Ɔbɔfo a Yehowa dii kan bɔɔ no no bɛyɛɛ ne boafo. Ɔboaa Yehowa ma ɔbɔɔ nsoromma, okyinnsoromma (planet), ne nneɛma a aka nyinaa. Asaase fɛfɛɛfɛ a yɛte so yi ka okyinnsoromma no ho.

Afei Yehowa siesiee asaase sɛ mmoa ne nnipa ntena so. Ɔmaa awia hyerɛn asaase so. Ɔsan bɔɔ mmepɔw, ɛpo, ne nsu a ɛtene.

Dɛn bio na ɔyɛe? Yehowa kaa sɛ: ‘Merebɛyɛ sare anaa ɛserɛ ne nnua.’ Enti nnuaba, nhwiren, ne atosode te sɛ nkontommire ne mako bebree fifii. Afei Yehowa yɛɛ mmoa ahorow bebree; ebi tu, ebi wɔ nsu mu, ebi nso wea. Mmoa nketewa te sɛ adanko, ne akɛse te sɛ ɔsono nyinaa, Yehowa na ɔyɛe. Aboa bɛn na w’ani gye ne ho paa?

Afei Yehowa ka kyerɛɛ ɔbɔfo a odi kan no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa.” Nnipa ne mmoa nyɛ pɛ. Nnipa tumi de wɔn adwene yɛ nneɛma, yɛkasa, yɛserew, yetumi bɔ mpae. Yehowa de asaase ne mmoa maa nnipa sɛ wɔnhwɛ so. Wunim onipa a Yehowa dii kan bɔɔ no? Ma yɛnhwɛ.

“Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Genesis 1:1

Ndwokɔɣizialɛ: Aninyia yɛ lɛ Gyehova Nyamɩnlɩ a? Nninyeni mɔɔ Gyehova wɔlɩ nɩ be yɛ lɛ mɩnla a?

Gyɛnɛsɩsɩ 1:1-26; Ɛɣɛlɛwulɛ 8:30, 31; Gyɛlɩmaya 10:12; Kolosiyiamaa 1:15-17

    Ahanta Buuku (2015-2026)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́